Psalms 130

Mmoa mpaebɔ

1 Awurade, mifi mʼaba a abu nyinaa mu refrɛ wo.
2Tie me sufrɛ,
O Awurade; tie me frɛ, na boa me!
3Sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a, anka hena na obeguan atemmu?
4Nanso wode kyɛ yɛn nti na ɛma yetumi gyina wʼabufuw ano no.
5Meretwɛn ahopere mu, apɛ Awurade mmoa, na mede me ho to nʼasɛm so.
6Metwɛn Awurade ahopere so sen ɔwɛmfo a ɔretwɛn adekyee.
7Israel, fa wo ho to Awurade so efisɛ, ne dɔ wɔ hɔ daa, na bere biara wasiesie ne ho sɛ ɔbɛboa.
8Obegye ne nkurɔfo,
Israelfo, afi bɔne nyinaa mu.
Copyright information for TwiNAK